20 Sɛdeɛ ɔyɛɛ nantwinini baako a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no, saa ara na ɔnyɛ nantwinini yi nso. Saa kwan no ara so na ɔmfa. Ɔsɔfoɔ no mpata+ mma wɔn, na wɔde bɛfiri wɔn.
11 Na ɔhonam biara kra wɔ mogya mu,+ na afɔrebukyia no so na mede ama mo sɛ momfa mpata+ mma mo kra, na mogya+ na wɔde pata+ ma bɔne, ɛfiri sɛ emu na ɔkra no wɔ.
25 Afei ɔsɔfoɔ no mpata+ mma Israel asafo no nyinaa, na wɔde wɔn bɔne bɛfiri wɔn, ɛfiri sɛ wɔanhyɛ da na wɔyɛeɛ,+ na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ nso aba sɛ wɔmfa mmɔ egya afɔdeɛ mma Yehowa, na wɔmmɔ wɔn bɔne ho afɔdeɛ mma wɔn Yehowa anim.