Yosua 18:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Wɔbɔɔ ntonto+ maa Benyamin+ asefoɔ mmusua no nyaa wɔn asase. Wɔn asase no da Yuda+ ne Yosef+ mma no ntam. 1 Berɛsosɛm 6:60 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 60 na Benyamin abusuakuo mu, wɔgyee Geba+ ne ɛho mfikyisase, ne Alemet+ ne ɛho mfikyisase, ne Anatot+ ne ɛho mfikyisase maa wɔn. Nkuro dumiɛnsa+ na wɔde maa wɔn mmusua.
11 Wɔbɔɔ ntonto+ maa Benyamin+ asefoɔ mmusua no nyaa wɔn asase. Wɔn asase no da Yuda+ ne Yosef+ mma no ntam.
60 na Benyamin abusuakuo mu, wɔgyee Geba+ ne ɛho mfikyisase, ne Alemet+ ne ɛho mfikyisase, ne Anatot+ ne ɛho mfikyisase maa wɔn. Nkuro dumiɛnsa+ na wɔde maa wɔn mmusua.