Yosua
20 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Monyi dwankɔbea+ nkuro a menam Mose so kaa ho asɛm kyerɛɛ mo no, 3 na sɛ obi anhyɛ da na ne nsa pa kum+ ɔkra bi a, wadwane akɔ hɔ. Ɛbɛyɛ mo dwankɔbea na deɛ ne nsa apa no atumi akɔbɔ ne ho adwaa wɔ hɔ na owufoɔ no busuani* anku no antua ka.+ 4 Ɔnnwane+ nkɔ nkuro yi baako mu na ɔnkɔgyina kuro no pono ano.+ Afei ɔmfa n’asɛm nto ɛhɔ mpanimfoɔ anim,+ na wɔmfa no nkɔ kuro no mu nkɔma no baabi ntena wɔ wɔn nkyɛn. 5 Sɛ obusuani no tĩ no kɔ hɔ a, wɔnhwɛ na wɔamfa deɛ wakum nipa no amma no,+ ɛfiri sɛ wanhyɛ da na ɔkum no; ɔnni ne ho adwemmɔne biara.+ 6 Ɔntena kurom hɔ nkɔsi sɛ ɔbɛba abɛgyina asafo no anim na wɔabu no atɛn,+ na ɔbɛtena hɔ akɔsi sɛ ɔsɔfo panin+ a ɔwɔ soɔ no bɛwuo. Ɛno akyi no, deɛ ne nsa apa no bɛtumi asan akɔ+ ne fie ne kuro a ɔdwane firii mu no mu.’”
7 Enti wɔhyiraa nkuro yi so: Kedes+ a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali mmepɔ soɔ; Sekem+ a ɛwɔ Efraim mmepɔ soɔ; ne Kiriat-Arba+ anaa Hebron a ɛwɔ Yuda mmepɔ soɔ. 8 Afei Yordan mpɔtamu wɔ Yeriko apueeɛ nso, wɔyii Beser+ a ɛwɔ serɛ soɔ firii Ruben+ abusuakuo mu; Ramot+ a ɛwɔ Gilead firii Gad abusuakuo mu; ne Golan+ a ɛwɔ Basan firii Manase abusuakuo mu.
9 Nkuro yi na wɔyi maa Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔte wɔn mu no na sɛ obi nsa pa kum ɔkra+ bi a, wadwane akɔ hɔ, na deɛ wawuo no busuani anku no ansa na wabɛgyina asafo no anim ama wɔadi n’asɛm.+