3 ɛnneɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo nkurɔfoɔ a wɔakɔdi aman foforɔ so no bɛba+ na wahu wo mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan aboaboa mo ano afiri aman a Yehowa wo Nyankopɔn pamoo wo kɔɔ so no nyinaa mu.+
14 Mɛma moahu me,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Na mɛboaboa mo nkurɔfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no ano, na mɛyi mo afiri aman nyinaa mu ne mmeaeɛ a mebɔɔ mo hweteeɛ no nyinaa na maboa mo ano,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Na mɛsan de mo aba baabi a metuu mo ase firiiɛ no.’+
21 “Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mɛyi Israelfoɔ afiri aman a wɔkɔɔ so no so, na maboaboa wɔn ano afiri mmaa nyinaa de wɔn aba wɔn asaase so.+