3 Afei nso, ɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ Hinom Ba Bɔn* no mu, na ɔhyee ne mma wɔ gya mu;*+ enti akyiwadeɛ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim yɛeɛ no, ɛno ara bi na ɔyɛeɛ.+
6 Ɔno ara ne mma mpo, ɔhyee wɔn wɔ gya mu*+ wɔ Hinom Ba Bɔn no mu,+ na ɔdii nkonyaayie+ ne abosonkɔm akyi; ɔkɔɔ abisa, na ɔyii akɔmfoɔ ne asumanfoɔ.+ Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuo.