-
Yeremia 38:17, 18Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
17 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: “Deɛ Yehowa, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Sɛ wode wo ho kɔma Babilon hene mpanimfoɔ no a, worenwu,* na wɔremfa gya nhye kuro yi, na wo ne wo fiefoɔ nso bɛtena nkwa mu.+ 18 Na sɛ woamfa wo ho ankɔma Babilon hene mpanimfoɔ no a, ɛnneɛ wɔde kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ nsa, na wɔde gya bɛhye,+ na worentumi nnwane mfiri wɔn nsam.’”+
-