Yeremia
33 Yehowa ne Yeremia kasaa ne mprenu so. Saa berɛ no, na ɔda so da Awɛmfoɔ Aban no mu hɔ.+ Ɔka kyerɛɛ no sɛ: 2 “Yehowa a ɔyɛɛ asaase, Yehowa a ɔnwenee asaase na ɔde tim hɔ pintinn a ne din ne Yehowa no, deɛ waka nie, 3 ‘Frɛ me, na mɛgye wo so, na mayɛ krado sɛ mɛka nsɛm akɛseɛ ne nneɛma a wonte aseɛ na wonnim akyerɛ wo.’”+
4 “Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afie a ɛwɔ kuro yi mu ne Yuda ahemfo afie a akoban* ne sekan nti, wɔadwiri aguo no ho asɛm.+ 5 Wasan aka wɔn a wɔreba ne Kaldeafoɔ abɛko no nso ho asɛm, na waka sɛ ɔde nnipa a ɔbɛkunkum wɔn wɔ n’abufuo ne n’abufuhyeɛ mu no afunu bɛhyɛ kuro no ma. Bɔne a kuro yi mu nnipa ayɛ nti, wayi n’ani afiri kuro yi so. Deɛ waka nie: 6 ‘Hwɛ, mɛma ne ho atɔ no, na wanya apɔmuden.+ Mɛsa wɔn yareɛ, na mɛma asomdwoeɛ ne nokorɛ abu so ama wɔn.+ 7 Na mɛsan de Yudafoɔ a wɔakye wɔn kɔ ne Israelfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no aba bio,+ na mɛsan ama wɔn so asi hɔ sɛdeɛ meyɛɛ no kane no.+ 8 Mɛdwira wɔn ho afiri wɔn mfomsoɔ ne wɔn bɔne a wɔayɛ atia me no nyinaa ho,+ na mede wɔn mfomsoɔ ne wɔn bɔne a wɔayɛ atia me, ne wɔn mmarato a ɛtia me nyinaa bɛkyɛ wɔn.+ 9 Na kuro yi din bɛma madi ahurisie, na ama wɔayi me ayɛ, na wɔahyɛ me animuonyam* wɔ aman a wɔbɛte papa a mayɛ wɔn no nyinaa anim.+ Na papa a mɛyɛ kuro no ne asomdwoeɛ a mɛma anya nti,+ aman no bɛsuro na wɔn ho apopo.’”+
10 “Deɛ Yehowa aka nie: ‘Kuro yi a mobɛka sɛ asɛe a onipa ne nyɛmmoa nni hɔ bio, Yuda nkuro ne Yerusalem mmorɔno a adeda mpan a nnipa nni hɔ na obi nte hɔ na nyɛmmoa nni hɔ no, 11 wɔbɛsan ate ahurisie nnyegyeeɛ ne osebɔ nnyegyeeɛ,+ ne ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, ne nkurɔfoɔ nne a ɛbɛka sɛ: “Monna asafo Yehowa ase, ɛfiri sɛ Yehowa yɛ,+ na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa!”’+
“‘Wɔde aseda afɔreɛ bɛba Yehowa fie,+ ɛfiri sɛ mɛsan de asaase no sofoɔ a wɔakye wɔn kɔ no aba sɛ kane no,’ Yehowa asɛm nie.”
12 “Deɛ asafo Yehowa aka nie: ‘Asaase a asɛe a nnipa ne nyɛmmoa nni so yi ne ne nkuro nyinaa mu no, nnwanhwɛfoɔ bɛsan anya adidibea ama wɔn mmoa adeda hɔ.’+
13 “‘Mmepɔ so nkuro ne nkuro a ɛdeda fam ne anaafoɔ nkuro ne Benyamin asaase ne Yerusalem ho nkuro+ ne Yuda nkuro mu no,+ nnwan bɛsan afa deɛ ɔkan wɔn no nsa ase bio,’ Yehowa na aka.”
14 “‘Hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm nie, ‘na ɛbɔ a mahyɛ Israel fie ne Yuda fie sɛ mɛyɛ adepa ama wɔn no, mɛma no aba mu.+ 15 Saa nna no mu ne saa berɛ no, mɛma tenenee dua bi afefɛ* ama Dawid,+ na ɔbɛbu atɛntenenee na wayɛ adetenenee wɔ asaase no so.+ 16 Saa nna no mu no, wɔbɛgye Yuda,+ na Yerusalem bɛtena ase dwoodwoo.+ Na edin a wɔde bɛfrɛ no ne: Yehowa Ne Yɛn Tenenee.’”+
17 “Na deɛ Yehowa aka nie, ‘Daa Dawid aseni na ɔbɛtena Israel fie ahennwa so.+ 18 Na Lewifoɔ asɔfoɔ no nso, daa wɔbɛnya onipa a ɔbɛgyina m’anim abɔ ɔhyeɛ afɔreɛ, na wahye aduane afɔreɛ, na wabɔ afɔreɛ.’”
19 Na Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn bio sɛ: 20 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ mobɛtumi asɛe m’apam a ɛfa adekyeeɛ ho, ne m’apam a ɛfa adesaeɛ ho, na adekyeeɛ ne adesaeɛ amma berɛ a ɛsɛ sɛ ɛba a,+ 21 ɛnneɛ me nso mɛbu me ne m’akoa Dawid apam no so,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrennya ɔbabarima a ɔbɛtena n’ahennwa so adi hene;+ saa ara na anka mɛbu me ne Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔsom me no apam no so.+ 22 Sɛdeɛ wɔntumi nkan ɔsoro asafo, na wɔntumi nsusu mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefoɔ* ne Lewifoɔ a wɔsom me no ayɛ bebree.’”
23 Na Yehowa asɛm san baa Yeremia nkyɛn sɛ: 24 “Wontee sɛ nkurɔfoɔ yi reka sɛ, ‘Mmusua mmienu a Yehowa ayi wɔn no, ɔbɛpo wɔn’ anaa? Nkurɔfoɔ no abu me ara me man animtia, na wɔmmu wɔn sɛ ɔman bio.
25 “Deɛ Yehowa aka nie: ‘Sɛdeɛ m’apam a ɛfa adekyeeɛ ne adesaeɛ ho rentwam,+ na me mmara* a ɛfa ɔsoro ne asaase ho nso rentwam no,+ 26 saa ara na merempo Yakob ne m’akoa Dawid asefoɔ* da. Na sɛdeɛ ɛteɛ biara, mɛfa n’asefoɔ* ama wɔadi Abraham ne Isak ne Yakob asefoɔ* so. Ɛfiri sɛ mɛboaboa wɔn nkurɔfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no ano,+ na mɛhu wɔn mmɔbɔ.’”+