13 Mmɛnhyɛnfoɔ ne nnwontofoɔ no de nne baako maa nnwom so de yii Yehowa ayɛ daa no ase; wɔbɔɔ abɛn, na wɔbobɔɔ nnawuro ne nnwontoɔ nneɛma foforɔ de daa Yehowa ase sɛ, “ɔyɛ na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”+ Ɛhɔ ara na mununkum bɛhyɛɛ efie no, Yehowa fie no ma.+
11 Wɔde nnwontoɔ daa Yehowa ase yii no ayɛ; obiara gyee ne yɔnko so+ sɛ: “Ɔyɛ na ɔdɔ a ɔwɔ ma Israel no nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”+ Ɛnna ɔman no nyinaa nso de osebɔ kɛseɛ yii Yehowa ayɛ, ɛsiane Yehowa fie no fapem a wɔato nti.