52 Nkuro a ɛwɔ w’asaase so nyinaa mu no, wɔbɛka wo ahyɛ mu akɔsi sɛ w’abantenten a wode wo ho ato so no bɛdwiri agu. Sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔbɛka wo ahyɛ wo nkuro no mu wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so baabiara.+
24 Hwɛ! Mmarima de nneɛma abɛto kuro no ho akoban* sɛ wɔrebɛko afa.+ Na sekan+ ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo*+ no nti, sɛdeɛ ɛteɛ biara, Kaldeafoɔ a wɔne kuro no reko no bɛfa kuro no. Deɛ wokaeɛ no nyinaa aba mu, sɛdeɛ wohu no nnɛ yi.