52 Nkuro a ɛwɔ w’asaase so nyinaa mu no, wɔbɛka wo ahyɛ mu akɔsi sɛ w’abantenten a wode wo ho ato so no bɛdwiri agu. Sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔbɛka wo ahyɛ wo nkuro no mu wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so baabiara.+
25Sedekia ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, bosome no da a ɛtɔ so du no, Babilon hene Nebukadnesar+ ne n’asraafoɔ nyinaa baa Yerusalem so.+ Ɔkyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ kuro no ho, na ɔsii akoban* twaa ho nyinaa hyiae.+
4“Na wo, onipa ba, fa birikisi to w’anim na yɛ Yerusalem kuro no mfoni* gu so. 2 Ka kuro no hyem+ na to akoban* fa ho,+ gye ban wɔ ho na twa ho hyia,*+ na fa mfidie a wɔde dwiri afasuo twa ho hyia.+