Yesaia 11:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Nkorabata+ bi bɛfifi Yese dunsini mu,+Na dua foforɔ bi bɛfefɛ+ afiri ne nhini mu aso aba. Yesaia 11:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɔbɛbu atɛn turodoo* ama ahiafoɔ,Na ɔde tenenee ayi ntɛn ama asaase so ahobrɛasefoɔ. Ɔde n’anom abaa bɛbɔ asaase no,+Na ɔde n’anom home* akum abɔnefoɔ.+ Yeremia 23:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛma tenenee dua bi afefɛ* ama Dawid.+ Na ɔhene bi bɛdi hene+ na ɔde nhunumu bɛyɛ adeɛ; ɔbɛbu atɛntenenee na wayɛ adetenenee wɔ asaase no so.+ Hebrifoɔ 1:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Wodɔɔ adetenenee, na wokyirii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurisie ngo sraa wo+ senee wo mfɛfoɔ no.”+
4 Ɔbɛbu atɛn turodoo* ama ahiafoɔ,Na ɔde tenenee ayi ntɛn ama asaase so ahobrɛasefoɔ. Ɔde n’anom abaa bɛbɔ asaase no,+Na ɔde n’anom home* akum abɔnefoɔ.+
5 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛma tenenee dua bi afefɛ* ama Dawid.+ Na ɔhene bi bɛdi hene+ na ɔde nhunumu bɛyɛ adeɛ; ɔbɛbu atɛntenenee na wayɛ adetenenee wɔ asaase no so.+
9 Wodɔɔ adetenenee, na wokyirii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurisie ngo sraa wo+ senee wo mfɛfoɔ no.”+