Dwom 85:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Wode wo man mfomsoɔ akyɛ wɔn;Wɔn bɔne nyinaa, woagyae ama no aka.*+ (Sela) Yesaia 43:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 “Me, me na mepepa wo mmarato,*+ me din nti.+Na merenkae wo bɔne bio.+ Yeremia 31:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 “Na obiara renkyerɛ ne yɔnko ne ne nua bio sɛ, ‘Monhunu Yehowa!’+ Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bɛhu me, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,”+ Yehowa asɛm nie. “Ɛfiri sɛ mede wɔn mfomsoɔ bɛkyɛ wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”+ Mika 7:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Hwan na ɔyɛ Onyankopɔn te sɛ wo,Deɛ ɔde mfomsoɔ kyɛ na ɔyi n’ani firi n’agyapadeɛ a aka no mmarato so?+ Ɔrenkura n’abufuo mu daa,Ɛfiri sɛ n’ani gye ho sɛ ɔbɛda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ nkurɔfoɔ.+
34 “Na obiara renkyerɛ ne yɔnko ne ne nua bio sɛ, ‘Monhunu Yehowa!’+ Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bɛhu me, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,”+ Yehowa asɛm nie. “Ɛfiri sɛ mede wɔn mfomsoɔ bɛkyɛ wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”+
18 Hwan na ɔyɛ Onyankopɔn te sɛ wo,Deɛ ɔde mfomsoɔ kyɛ na ɔyi n’ani firi n’agyapadeɛ a aka no mmarato so?+ Ɔrenkura n’abufuo mu daa,Ɛfiri sɛ n’ani gye ho sɛ ɔbɛda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ nkurɔfoɔ.+