-
Hebrifoɔ 8:10-12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 “‘Na wei ne apam a me ne Israel fie bɛyɛ wɔ saa nna no akyi,’ Yehowa* asɛm nie. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem, na mɛtwerɛ wɔ wɔn akomam.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me man.+
11 “‘Na obiara renkyerɛ ne man muni ne ne nua bio sɛ: “Monhunu Yehowa!”* Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bɛhu me, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so. 12 Na mɛhu wɔn mmɔbɔ wɔ wɔn nneyɛɛ bɔne ho, na merenkae wɔn bɔne bio.’”+
-