25 Usai ba Palal na ɔtoaa ne so yɛɛ adwuma no bi wɔ Adum no ne abantenten a ɛtoa Ahemfie*+ no so, atifi dan a ɛwɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu no anim. Paros+ ba Pedaia na ɔtoaa ne so.
2 Saa berɛ no, na Babilon hene asraafoɔ abɛtwa Yerusalem ho ahyia, na odiyifoɔ Yeremia nso, na wɔakye no atom wɔ Awɛmfoɔ Aban no mu+ wɔ Yuda hene fie.*
21 Enti Ɔhene Sedekia kaa sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto afiase wɔ Awɛmfoɔ Aban no mu.+ Na wɔmaa no paanoo nkuruwankuruwa a ɛfiri paanootofoɔ borɔno so daa+ kɔsii sɛ kuro no mu paanoo nyinaa saeɛ.+ Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfoɔ Aban no mu hɔ.