-
Yeremia 34:2, 3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
2 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Kɔ Yuda hene Sedekia+ nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ mede kuro yi bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔde egya ahye.+ 3 Na worentumi nnwane mfiri ne nsam, ɛfiri sɛ deɛ ɛteɛ biara wɔbɛkye wo, na wɔde wo ahyɛ ne nsa.+ Wode w’ani bɛhunu Babilon hene, na ɔne wo akasa, na wobɛkɔ Babilon.’+
-