17 Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa no bae, na ɔhene bisabisaa no nsɛm kokoam wɔ ne fie* hɔ.+ Ɔbisaa no sɛ: “Woate asɛm bi afiri Yehowa hɔ anaa?” Ɛnna Yeremia kaa sɛ: “Aane!” Na ɔtoaa so sɛ: “Wɔde wo bɛhyɛ Babilon hene nsa!”+
5 Nanso Kaldeafoɔ asraafoɔ no taa wɔn, na wɔkɔtoo Sedekia wɔ Yeriko serɛ so.+ Wɔkyee no de no foro kɔmaa Babilon hene Nebukadnesar* wɔ Ribla,+ Hamat asaase so,+ na ɛhɔ na ɔbuu no atɛn.