27 Yehowa kaa sɛ: “Yuda nso mɛto no afiri m’anim atwene+ sɛdeɛ metoo Israel tweneeɛ no;+ Yerusalem kuro a mayi yi, ne efie a mekaa ho asɛm sɛ, ‘Me din bɛkɔ so atena hɔ’+ no, mɛto atwene.”
3 Ɛyɛ Yehowa asɛm a ɔkaeɛ no na ampa ara ɛbaa mu wɔ Yuda so. Ɔkaa sɛ ɔbɛto wɔn afiri n’anim atwene+ ɛsiane bɔne a Manase yɛeɛ nyinaa+4 ne mogya a ɛdi bem a ɔhwie guiɛ nti,+ ɛfiri sɛ ɔde mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma. Ɛno nti Yehowa ampɛ sɛ ɔde bɔne no bɛkyɛ.+