Yeremia
36 Na Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu no, Yehowa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn sɛ: 2 “Fa nwoma mmobɔeɛ, na twerɛ nsɛm yi nyinaa wom, nsɛm a meka kyerɛɛ wo a ɛtia Israel ne Yuda+ ne aman no nyinaa,+ ɛfiri da a ɛdi kan a me ne wo kasaa wɔ Yosia berɛ so bɛsi nnɛ no.+ 3 Sɛ Yuda fie te mmusuo a mabɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn so no nyinaa a, ebia wɔbɛsan afiri wɔn akwammɔne so, na mede wɔn mfomsoɔ ne wɔn bɔne akyɛ wɔn.”+
4 Ɛnna Yeremia frɛɛ Neria ba Baruk,+ na Yeremia kaa nsɛm a Yehowa aka akyerɛ no no nyinaa, na Baruk twerɛɛ no wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu.+ 5 Na Yeremia ka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Me deɛ, wɔaka me ahyɛ dan mu. Mentumi nkɔ Yehowa fie hɔ. 6 Enti wo na wobɛkɔ hɔ akɔkenkan Yehowa nsɛm a meka maa wotwerɛɛ no wɔ nwoma mmobɔeɛ mu no; wobɛkenkan no den. Kenkan no wɔ Yehowa fie hɔ ma nkurɔfoɔ no nte, ɛda a wɔbɛyɛ akɔnkyene* no. Ɛbɛma woakenkan akyerɛ Yudafoɔ a wɔfiri wɔn nkuro mu ba hɔ no nyinaa. 7 Ebia Yehowa bɛtie wɔn nkotosrɛ, na wɔasan afiri wɔn akwammɔne so, ɛfiri sɛ Yehowa abufuo ne n’abufuhyeɛ a waka sɛ ɔde bɛba ɔman yi so no sõ.”
8 Enti Neria ba Baruk yɛɛ deɛ odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ no no nyinaa; ɔkenkan Yehowa nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no den wɔ Yehowa fie hɔ.+
9 Na Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no ahennie afe a ɛtɔ so nnum, bosome a ɛtɔ so nkron mu no, Yerusalemfoɔ nyinaa ne nkurɔfoɔ a wɔfiri Yuda nkuro mu baa Yerusalem no nyinaa yɛɛ akɔnkyene wɔ Yehowa anim.+ 10 Ɛnna Baruk kenkan Yeremia nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no den wɔ Yehowa fie hɔ maa nkurɔfoɔ no nyinaa teeɛ. Ɔkenkanee wɔ ɔtwerɛfoɔ Safan ba+ Gemaria+ adidibea a ɛwɔ atifi fam no adihɔ hɔ, wɔ Yehowa fie pono foforɔ no ano.+
11 Berɛ a Safan ba Gemaria ba Mikaia tee Yehowa nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no nyinaa no, 12 ɔsiane kɔɔ ɔhene no fie,* na ɔkɔɔ ɔtwerɛfoɔ no adidibea hɔ. Ná mpanimfoɔ* no nyinaa tete hɔ: Ɔtwerɛfoɔ Elisama+ ne Semaia ba Delaia ne Akbor ba+ Elnatan+ ne Safan ba Gemaria ne Hanania ba Sedekia ne mpanimfoɔ a aka no nyinaa. 13 Na nsɛm a Mikaia tee sɛ Baruk rekenkan no den afiri nwoma mmobɔeɛ no mu ama nkurɔfoɔ no ate no, ɔkaa ne nyinaa kyerɛɛ wɔn.
14 Ɛnna mpanimfoɔ no nyinaa somaa Kusi ba Selemia ba Netania ba Yehudi kɔɔ Baruk nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nwoma mmobɔeɛ a wokenkan emu nsɛm maa ɔman no teeɛ no, na bra.” Enti Neria ba Baruk faa nwoma mmobɔeɛ no kuraa ne nsam, na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn. 15 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, tena ase na kenkan no den kyerɛ yɛn.” Enti Baruk kenkan kyerɛɛ wɔn.
16 Berɛ a wɔtee nsɛm yi nyinaa ara pɛ, obiara de akomatuo hwɛɛ ne yɔnko anim, na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛka nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔhene.” 17 Ɛnna wɔbisaa Baruk sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ka deɛ ɛyɛeɛ a wotwerɛɛ nsɛm yi nyinaa kyerɛ yɛn. Ɔno na ɔka maa wotwerɛeɛ anaa?” 18 Na Baruk ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔde n’ano na ɛkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ me, ɛnna me nso mede adubire twerɛɛ no wɔ nwoma mmobɔeɛ yi mu.” 19 Na mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Kɔ na fa wo ho kɔsie, wo ne Yeremia nyinaa, na mommma obiara nnhunu baabi a mowɔ.”+
20 Afei wɔkɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ adihɔ hɔ, na wɔde nwoma mmobɔeɛ no kɔtoo ɔtwerɛfoɔ Elisama adidibea hɔ, na wɔkaa nsɛm a wɔate no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no.
21 Ɛnna ɔhene somaa Yehudi+ sɛ ɔnkɔfa nwoma mmobɔeɛ no mmra. Enti ɔkɔfa firii ɔtwerɛfoɔ Elisama adidibea hɔ bae. Na Yehudi kenkan maa ɔhene ne mpanimfoɔ a wɔgyinagyina ɔhene ho no nyinaa tee. 22 Ná ɔhene te awɔ berɛ dan mu, bosome a ɛtɔ so nkron* no mu, na na adeɛ a wɔasɔ gya wɔ mu si n’anim. 23 Sɛ Yehudi kenkan nkrataa mmiɛnsa anaa nnan biara a, na ɔhene no de ɔtwerɛfoɔ sekan atwitwa baabi a wɔakenkan no agu adeɛ a wɔasɔ gya wɔ mu no mu. Ɔyɛɛ saa ara kɔsii sɛ ɔhyee nwoma mmobɔeɛ no nyinaa wɔ egya no mu. 24 Wɔansuro, na ɔhene ne ne nkoa a wɔka ne ho a wɔtee nsɛm yi nyinaa nso, obiara ansuan n’ataadeɛ mu. 25 Elnatan+ ne Delaia+ ne Gemaria+ paa ɔhene kyɛw sɛ ɔnnhye nwoma mmobɔeɛ no, nanso wantie wɔn. 26 Afei ɔhene no ka kyerɛɛ ɔhene ba Yerahmeel ne Asrel ba Seraia ne Abdeel ba Selemia, sɛ wɔnkɔkye ɔtwerɛfoɔ Baruk ne odiyifoɔ Yeremia mmra; nanso Yehowa de wɔn sieeɛ.+
27 Na berɛ a ɔhene hyee nsɛm a Yeremia ka maa Baruk twerɛɛ no wɔ nwoma mmobɔeɛ so wieeɛ no, Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn bio+ sɛ: 28 “Fa nwoma mmobɔeɛ foforɔ, na twerɛ nwoma mmobɔeɛ a ɛdi kan no mu nsɛm nyinaa wɔ so, deɛ Yuda hene Yehoiakim hyee no no.+ 29 Na ka asɛm yi tia Yuda hene Yehoiakim sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Woahye nwoma mmobɔeɛ yi, na woaka sɛ, ‘Adɛn nti na woatwerɛ wɔ so sɛ: “Sɛdeɛ ɛteɛ biara, Babilon hene bɛba abɛsɛe asaase yi na wasɛe nnipa ne mmoa a ɛwɔ so nyinaa”?’+ 30 Ɛno nti, deɛ Yehowa aka atia Yuda hene Yehoiakim nie, ‘Ɔrennya obi a ɔbɛtena Dawid ahennwa so,+ na ne funu nso, wɔbɛgya ato abɔnten, na ɛhyew aka no awia, na awɔ afa so anadwo.+ 31 Na ɔno ne n’asefoɔ* ne ne nkoa nso, wɔn bɔne a wɔayɛ no, mɛtua wɔn ka, na mmusuo biara a maka sɛ mede bɛba wɔn so ne Yerusalemfoɔ so ne Yuda mmarima so no, mede bɛba,+ nanso wɔantie.’”’”+
32 Na Yeremia faa nwoma mmobɔeɛ foforɔ, na ɔde maa Neria ba ɔtwerɛfoɔ Baruk.+ Na Yeremia kaa nsɛm a na ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ a Yuda hene Yehoiakim de gya hyee no mu no.+ Na ɔde nsɛm pii a ɛte sɛ ɛno kaa ho.