Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Ahemfo 24:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Yehoiakim ne n’agyanom kɔdae,+ na ne ba Yehoiakin bɛdii n’adeɛ.

  • 2 Ahemfo 24:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Yehoiakin+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 18, na ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Nehusta, na na ɔyɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem no ba.

  • 2 Ahemfo 24:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Enti ɔde Yehoiakin+ kɔɔ Babilon,+ na ɔhene maame, ɔhene yerenom, ne n’ahemfie mpanimfoɔ ne asaase no so atitire nso, ɔde wɔn nyinaa firii Yerusalem kɔɔ Babilon.

  • 2 Berɛsosɛm 36:9, 10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Yehoiakin+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 18, na ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa ne dadu wɔ Yerusalem. Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne.+ 10 Afe no mfitiaseɛ* no, Ɔhene Nebukadnesar soma maa wɔkɔfaa no baa Babilon,+ na wɔde Yehowa fie nneɛma a ɛsom bo kaa ho bae.+ Na ɔde ne papa nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene.+

  • Yeremia 22:24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 “‘Berɛ a mete ase yi,’ Yehowa asɛm nie, ‘sɛ Yehoiakim+ ba, Yuda hene Konia,*+ yɛ ahyɛnsodeɛ kawa a ɛhyɛ me nsa nifa mpo a, anka mɛworɔ wo afiri me nsa!

  • Yeremia 22:30
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 30 Deɛ Yehowa aka nie:

      ‘Montwerɛ ɔbarima yi ho asɛm sɛ ɔnni ba,

      Montwerɛ ne ho asɛm sɛ ɔbarima a ɛrensi no yie wɔ ne nkwa nna nyinaa mu,

      Ɛfiri sɛ n’aseni biara nni hɔ a ɛbɛsi no yie

      Ama no atena Dawid ahennwa so adi adeɛ wɔ Yuda bio.’”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane