2 Ahemfo 24:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Yehoiakim ne n’agyanom kɔdae,+ na ne ba Yehoiakin bɛdii n’adeɛ. Yeremia 22:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Saa ɔbarima Konia yi, ɔyɛ kukuo a obiara mfa nyɛ hwee a abubu pasaa anaa?Ɔyɛ kukuo a obiara mpɛ anaa? Adɛn nti na wɔato ɔne n’asefoɔ agu fam,Na wɔato wɔn agu asaase a wɔnnim soɔ so yi?’+ Yeremia 37:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 37 Na Yosia ba Ɔhene Sedekia+ bɛsii Yehoiakim ba Konia*+ anan, na ɔfirii aseɛ dii adeɛ, ɛfiri sɛ Babilon hene Nebukadnesar* sii no hene wɔ Yuda asaase so.+ Mateo 1:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Yosia+ woo Yekonia+ ne ne nuanom berɛ a wɔde wɔn kɔɔ Babilon+ no.
28 Saa ɔbarima Konia yi, ɔyɛ kukuo a obiara mfa nyɛ hwee a abubu pasaa anaa?Ɔyɛ kukuo a obiara mpɛ anaa? Adɛn nti na wɔato ɔne n’asefoɔ agu fam,Na wɔato wɔn agu asaase a wɔnnim soɔ so yi?’+
37 Na Yosia ba Ɔhene Sedekia+ bɛsii Yehoiakim ba Konia*+ anan, na ɔfirii aseɛ dii adeɛ, ɛfiri sɛ Babilon hene Nebukadnesar* sii no hene wɔ Yuda asaase so.+