13 Nanso mokɔɔ so yɛɛ weinom nyinaa,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mekasa kyerɛɛ mo mprɛ pii,* nanso moantie.+ Mekɔɔ so frɛɛ mo, nanso moannye so.+14 Enti sɛdeɛ meyɛɛ Silo no,+ saa ara na mɛyɛ efie a me din da so+ a mode mo ho ato so yi,+ na saa ara nso na mɛyɛ tenabea yi a mede maa mo ne mo agyanom no.