15 “Na sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛdeɛ ne ne mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnneɛ nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
15 Na monhunu sɛ sɛdeɛ asɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no nyinaa aba mu no,+ saa ara na Yehowa de nnome no nyinaa bɛba mo soɔ akɔsi sɛ ɔbɛtɔre mo ase afiri asase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ,+
27 Na Yehowa kaa sɛ: “Yuda+ nso mɛto no afiri m’anim atwene+ sɛdeɛ metoo Israel tweneeɛ+ no; mɛto kuro a mafa yi, Yerusalem ne efie yi atwene, efie a mekaa sɛ, ‘Me din bɛtena hɔ’+ no.”
3 “‘Mmusuo ahodoɔ nnan na mede bɛba wɔn soɔ,’+ Yehowa asɛm nie, ‘nkrantɛ a ɛbɛkunkum wɔn, nkraman a wɔbɛtwe wɔn ase akorɔ, ewiem nnomaa,+ ne asase so mmoa a wɔbɛdi wɔn nam na wɔasɛe wɔn.