12 Enti mede mo bɛma nkrantɛ,+ na mo nyinaa bɛkoto ama wɔaku mo,+ ɛfiri sɛ mefrɛeɛ+ nanso moannye so; mekasaeɛ nanso moantie;+ deɛ ɛyɛ m’ani so bɔne na mokɔɔ so yɛeɛ,+ na deɛ m’ani nnye ho na moyiiɛ.”+
4 Na me nso mɛfa akwan hodoɔ so atan wɔn ani,+ na nneɛma a wɔsuro na mede bɛba wɔn soɔ,+ ɛfiri sɛ mefrɛeɛ, na obiara annye so, mekasaeɛ, nanso obiara antie.+ Na wɔkɔɔ so yɛɛ adebɔne wɔ m’ani so, na deɛ m’ani nnye ho na wɔyiiɛ.”+