13 Yehowa nam n’adiyifoɔ+ nyinaa ne adehunufoɔ+ nyinaa so bɔɔ Israel+ ne Yuda+ kɔkɔ+ sɛ: “Monnane mfiri mo akwammɔne ho,+ na monni me mmara nsɛm+ ne m’ahyɛdeɛ+ so sɛdeɛ mmara+ a mede maa mo agyanom+ na menam me nkoa adiyifoɔ so de brɛɛ mo+ no teɛ”;
13 Enti afei,’ Yehowa asɛm nie, ‘sɛ́ moakɔ so ayɛ yeinom nyinaa, na daa mekasa kyerɛɛ mo, na mesɔree anɔpahema+ ne mo kasaeɛ nanso moantie,+ na mefrɛɛ mo na moannye soɔ nti,+
3 “Ɛfiri Amon ba Yosia,+ Yuda hene no afe a ɛtɔ so dumiɛnsa so de bɛsi ɛnnɛ da yi, mfeɛ aduonu mmiɛnsa yi mu, Yehowa asɛm baa me nkyɛn, na mesɔree anɔpahema ne mo kasaeɛ; mekasaeɛ, nanso moantie.+