11 Nanso Yehowa gyina m’akyi+ sɛ ɔdɔmmarima a ne ho yɛ hu.+ Ɛno nti na m’ataafoɔ bɛsunti na wɔrennyina no.+ Wɔn ani bɛwu paa, ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie. Wɔn aniwuo no rentwam da, na werɛ remfiri da.+
7 O Yehowa, wo na tenenee wɔ woɔ, na yɛn deɛ, animguaseɛ na ɛfata yɛn sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi;+ ɛfata Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔtete bɛn ha ne wɔn a nokorɛ a wɔanni woɔ nti woabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa soɔ no.+