Yeremia
20 Berɛ a Yeremia reka nkɔmhyɛ nsɛm no nyinaa no, na Imer+ ba Pasur, ɔsɔfoɔ a ɔyɛ Yehowa fie so otitire no retie.+ 2 Ɛnna Pasur boroo odiyifoɔ Yeremia,+ na ɔde no bɔɔ dua mu+ wɔ Benyamin Atifi Ponkɛseɛ a ɛwɔ Yehowa fie no mu. 3 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, Pasur yii Yeremia firii dua+ no mu, na Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ:
“Ɛnyɛ Pasur na Yehowa bɛfrɛ wo bio,+ na mmom ɔbɛfrɛ wo Magor-Misabib.*+ 4 Ɛfiri sɛ deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mɛma woabɔ hu, wo ne w’adɔfo nyinaa, na wɔbɛtotɔ wɔn atamfo nkrantɛ ano+ ama w’ani ahunu;+ mede Yuda nyinaa bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔde wɔn bɛkɔ nkoasom mu wɔ Babilon, na ɔde nkrantɛ abobɔ wɔn.+ 5 Mede kuro yi mu nneɛma a wɔaboaboa ano nyinaa ne ne nnɔbaeɛ nyinaa ne n’aboɔdenneɛ nyinaa bɛma, na Yuda ahemfo ademudeɛ nyinaa nso, mede bɛhyɛ wɔn atamfo nsa.+ Wɔbɛfom na wɔafa de akɔ Babilon.+ 6 Na wo Pasur, wo ne wo fiefoɔ nyinaa bɛkɔ nkoasom mu;+ wobɛkɔ Babilon, na ɛhɔ na wobɛwuo, na ɛhɔ na wɔbɛsie wo ne w’adɔfo nyinaa,+ ɛfiri sɛ woahyɛ wɔn nkɔntorɔ.’”+
7 O Yehowa, woadaadaa me, na mama woadaadaa me. Wode w’ahoɔden abu afa me so, na woadi nkonim.+ Madane asereseredeɛ daa nyinaa; obiara di me ho fɛ.+ 8 Daa merekasa a, meteam. Awudisɛm ne afomfa na ɛma mesu frɛ woɔ,+ ɛfiri sɛ Yehowa asɛm ama mayɛ ahohora ne nsopa daa nyinaa.+ 9 Ɛnna mekaa sɛ: “Meremmɔ ne din, na merenkasa ne din mu bio.”+ Nanso ɛyɛɛ m’akomam sɛ egya a ɛredɛre a wɔato mu me nnompe mu; mebrɛeɛ, na mantumi ankura mu bio.+ 10 Metee nnipa pii nsekudie.+ Ná ahudeɛ wɔ baabiara. “Monka mma wɔnte, na yɛnka ne ho asɛm no bi.”+ Onipa biara a ɔka kyerɛ me sɛ “Asomdwoeɛ” no, ɔno nso rehwehwɛ sɛ mɛwatire.+ Wɔka sɛ: “Ebia wɔbɛdaadaa no,+ na yɛadi ne so nkonim na yɛatɔ ne so werɛ.” 11 Nanso Yehowa gyina m’akyi+ sɛ ɔdɔmmarima a ne ho yɛ hu.+ Ɛno nti na m’ataafoɔ bɛsunti na wɔrennyina no.+ Wɔn ani bɛwu paa, ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie. Wɔn aniwuo no rentwam da, na werɛ remfiri da.+
12 O asafo Yehowa, wo na wohwehwɛ ɔteneneeni mu;+ wo na wohunu asaabo ne akoma+ mu. Ma menhunu aweredie a wode bɛba wɔn soɔ,+ ɛfiri sɛ wo na mede m’asɛm adan woɔ.+
13 Monto dwom mma Yehowa! Monyi Yehowa ayɛ! Na wagye ohiani kra afiri abɔnefoɔ nsam.+
14 Nnome nka da a wɔwoo me no! Ɛda a me maame woo me no, mma wɔnnhyira saa da no!+ 15 Nnome nka ɔbarima a ɔbɛkaa asɛmpa kyerɛɛ me papa sɛ: “Wɔawo ɔbabarima ama wo” no! Ɔmaa no dii ahurisie.+ 16 Ma saa barima no nyɛ sɛ nkuro a Yehowa abutuo nanso anyɛ No ya no.+ Ma no nte esũ anɔpa, na awia ketee nso, ɔnte ɛko totorobɛnto nka.+
17 Adɛn nti na wanku me prɛko wɔ yafunu mu, na me maame anyɛ m’asieeɛ, na ne nyinsɛn anka ne yam daa?+ 18 Adɛn nti koraa na mefiri yafunu mu baa+ sɛ merebɛhunu adwumaden ne awerɛhoɔ+ na me nna aba awieeɛ aniwuo mu?+