14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntorɔ na adiyifoɔ no rehyɛ no me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasaeɛ.+ Atorɔ anisoadehunu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn akomam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+
21 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka no Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔhyɛ nkɔntorɔ me din mu+ no ho nie, ‘Hwɛ, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadresar nsa, na ɔbɛkunkum wɔn mo anim.+