14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntorɔ na adiyifoɔ no rehyɛ no me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasaeɛ.+ Atorɔ anisoadehunu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn akomam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+
31 “Soma kɔka kyerɛ atukɔfoɔ no nyinaa+ sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka no Semaia a ɔfiri Nehelam ho nie: “Ɛsiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm berɛ a mensomaa no, na ɔpɛ sɛ mode mo ho to nkontompo soɔ nti,+
3 Na sɛ ɔbarima bi hyɛ nkɔm bio a, ne papa ne ne maame a wɔwoo no nka nkyerɛ no sɛ, ‘Wobɛwu ɛfiri sɛ wode Yehowa din aka atosɛm.’ Nkɔm a wahyɛ nti, ne papa ne ne maame a wɔwoo no mfa adeɛ nhwire ne mu.+