14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntorɔ na adiyifoɔ no rehyɛ no me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasaeɛ.+ Atorɔ anisoadehunu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn akomam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+
2Nanso atorɔ adiyifoɔ nso sɔree wɔn mu sɛdeɛ akyerɛkyerɛfoɔ atorofoɔ bɛsɔre mo mu no.+ Yeinom bɛwiawia wɔn ho de fekusɛm a ɛdi awuo aba na wɔbɛpa wɔn wura a ɔtɔɔ wɔn no mpo,+ na wɔn ara de ɔsɛeɛ bɛba wɔn ho so ntɛm.