13 Afei ɔfaa Yehowa fie akoradeɛ nyinaa ne ahemfie akoradeɛ+ no kɔeɛ, na ɔtwitwaa sika anwenneɛ+ a Israel hene Solomon yɛɛ no Yehowa asɔredan mu no nyinaa mu asinasini sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.
13 Na kɔbere adum+ a ɛwɔ Yehowa fie no ne nsutwe nnaka+ ne kɔbere po+ a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, Kaldeafoɔ no bubuu no asinasini, na wɔde ɛho kɔbere no kɔɔ Babilon.+