13 Afei ɔfaa Yehowa fie akoradeɛ nyinaa ne ahemfie akoradeɛ+ no kɔeɛ, na ɔtwitwaa sika anwenneɛ+ a Israel hene Solomon yɛɛ no Yehowa asɔredan mu no nyinaa mu asinasini sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.
13 Na kɔbere adum+ a ɛwɔ Yehowa fie no ne nsutwe nnaka+ ne kɔbere po+ a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, Kaldeafoɔ no bubuu no asinasini, na wɔde ɛho kɔbere no kɔɔ Babilon.+
18 Na nokorɛ Nyankopɔn fie anwenneɛ+ nyinaa, akɛseɛ+ ne nketewa, ne Yehowa fie akoradeɛ+ ne ɔhene ne ne mpanimfoɔ akoradeɛ+ nso, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babilon.
17 Na Yehowa fie hɔ kɔbere adum+ ne nsutwe nnaka+ ne kɔbere po+ a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, Kaldeafoɔ no bubuu no asinasini, na wɔde ɛho kɔbere no nyinaa kɔɔ Babilon.+
2 Berɛ bi akyi no, Yehowa de Yuda hene Yehoiakim ne nokorɛ Nyankopɔn fie anwenneɛ+ no bi hyɛɛ ne nsa,+ na ɔde kɔɔ ne nyame fie wɔ Sinar+ asase so, na ɔde anwenneɛ no kɔguu ne nyame adekoradan mu.+