Genesis 10:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Na Kanaan woo Sidon+ a ɔyɛ ne ba panin, ne Het,+ Atemmufoɔ 1:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Aser+ ampamo nnipa a wɔte Ako ne Sidon+ ne Ahlab ne Aksib+ ne Helba ne Afik+ ne Rehob+ no. 1 Ahemfo 5:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Enti afei hyɛ ma wɔntwa ntweneduro wɔ Lebanon+ mma me; me nkoa bɛba abɛka wo nkoa ho, na wo nkoa akatua nyinaa, mede bɛma wo sɛdeɛ wobɛkyerɛ biara, ɛfiri sɛ wonim sɛ yɛnni obiara yɛn mu a ɔnim nnuatwa sɛ Sidonfoɔ.”+
6 Enti afei hyɛ ma wɔntwa ntweneduro wɔ Lebanon+ mma me; me nkoa bɛba abɛka wo nkoa ho, na wo nkoa akatua nyinaa, mede bɛma wo sɛdeɛ wobɛkyerɛ biara, ɛfiri sɛ wonim sɛ yɛnni obiara yɛn mu a ɔnim nnuatwa sɛ Sidonfoɔ.”+