39 “‘Mommɔ afɔdeɛ yi nyinaa mma Yehowa wɔ mo afahyɛ ahodoɔ+ ase nka afɔdeɛ a mobɔ no daa yi ho: bɔhyɛ afɔdeɛ+ ne afɔdeɛ a mofiri mo pɛ mu bɔ+ no sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ ne mo aduane afɔdeɛ,+ ne mo nsã afɔdeɛ,+ ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ.’”+
6 Ɛhɔ nso na momfa mo hyeɛ afɔdeɛ+ ne mmoa a mobɛku wɔn abɔ afɔdeɛ foforɔ ne mo nneɛma nkyɛmu du mu baako,+ ne mo ntoboa+ ne mo bɔhyɛ afɔdeɛ,+ ne afɔdeɛ a mofiri mo pɛ mu bɔ,+ ne mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan+ nyinaa nkorɔ.
31 Na Hesekia kaa sɛ: “Afei moahyɛ+ mo nsam den ama Yehowa adwuma. Montwe mmɛn na momfa afɔrebɔdeɛ+ ne aseda+ afɔdeɛ mmra Yehowa fie.” Ɛnna badwa no de afɔrebɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ baeɛ, na obiara a n’akoma kaa no de ɔhyeɛ afɔdeɛ+ baeɛ.