Leviticus
1 Yehowa firi ahyiaeɛ ntomadan+ no mu frɛɛ Mose na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ+ no sɛ, ‘Sɛ mo mu bi pɛ sɛ ɔde ayɛmmoa bɔ afɔdeɛ ma Yehowa a, nantwie ne odwan na ɔmfa mmɔ afɔdeɛ no.
3 “‘Sɛ nantwie na ɔde rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ no a, ɔmfa onini a ɔte apɔ+ mmra. Ɔmfiri ne pɛ mu mfa mmrɛ Yehowa+ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano. 4 Ɔmfa ne nsa nto aboa a ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no apampam, na wɔbɛpene so agye+ de apata ama no.+
5 “‘Na afei wɔnkum nantwie ba no Yehowa anim, na Aaron mma asɔfoɔ no+ mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano no so nhyia.+ 6 Na wɔnyi ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no ho nwoma na wɔntwitwa no asinasini.+ 7 Na Aaron mma asɔfoɔ no nsɔ afɔrebukyia+ no so gya na wɔnhyehyɛ nnyina wɔ gya no so.+ 8 Aaron mma asɔfoɔ no nhyehyɛ nam asinasini no,+ ne ti ne ne sradeɛ no nyinaa, wɔ nnyina a ɛgu afɔrebukyia no so gya soɔ no so. 9 Na wɔmfa nsuo nhohoro ne nsono+ ne ne nnyawa ho, na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa wɔ afɔrebukyia no so sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, afɔdeɛ hwamhwam a wɔde egya hye ma Yehowa.+
10 “‘Na sɛ odwan na ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, odwennini+ kumaa oo, ɔpapo+ oo, ɔnhwɛ sɛ ɔde deɛ ɔte apɔ na ɛbɛba.+ 11 Ɛsɛ sɛ wɔku no afɔrebukyia no fã a ɛhwɛ atifi fam wɔ Yehowa anim no, na Aaron mma asɔfoɔ no mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia.+ 12 Na ɔntwitwa no asinasini, na ɔmfa ne ti ne ne sradeɛ nka ho, na ɔsɔfoɔ no nhyehyɛ no nnyina a ɛgu afɔrebukyia no so gya soɔ no so.+ 13 Na ɔmfa nsuo nhohoro ne nsono+ ne ne nnyawa+ ho, na ɔsɔfoɔ no nhye+ ne nyinaa wɔ afɔrebukyia no so sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, afɔdeɛ hwamhwam a wɔde egya hye ma Yehowa.+
14 “‘Na sɛ ntakraboa na ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Yehowa a, ɛnneɛ ɔmfa mmuruburo+ anaa mmorɔnoma mma+ mmra. 15 Afei ɔsɔfoɔ no mfa nkɔ afɔrebukyia no ho na ɔnkyim+ ne ti, na ɔnhye no afɔrebukyia no so, na ne mogya no deɛ, ɔnsɔne ngu afɔrebukyia no ho. 16 Ɔnyi deɛ ɛhyɛ ne mene ase ne ne ntakra na ɔnto ngu afɔrebukyia no nkyɛn wɔ apueeɛ fam, baabi a wɔde nsõ*+ guo no. 17 Na ɔnsɔ ne ntaban mu nwae ne mu, nanso ɛnsɛ sɛ ɛte sie.+ Afei ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so, nnyina a ɛgu egya no soɔ no so, sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ afɔdeɛ hwamhwam a wɔde egya hye ma Yehowa.+