Leviticus
1 Na Yehowa frɛɛ Mose wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ* no sɛ, ‘Sɛ mo mu bi pɛ sɛ ɔde aboa bɔ afɔreɛ ma Yehowa a, nantwie anaa odwan na ɔmfa mmɔ afɔreɛ no.+
3 “‘Sɛ nantwie na ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no a, ɔmfa onini a ɔte apɔ mmra.+ Ɔmfiri ne pɛ mu+ mfa mmra Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano. 4 Ma no mfa ne nsa nto aboa a ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no apampam, na wɔbɛpene so agye de apata ne bɔne.
5 “‘Afei ma wɔnkum nantwie ba no wɔ Yehowa anim, na Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no+ mfa mogya no mmra, na afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano no, wɔmfa mpete so nhyia.+ 6 Ma wɔnyi aboa a ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no nwoma, na wɔntwitwa nam no asinasini.+ 7 Ma Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no nsɔ afɔrebukyia no so gya+ na wɔnhyehyɛ anyina wɔ gya no so. 8 Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no bɛhyehyɛ nam asinasini no,+ na wɔahyehyɛ ne ti ne ne sradeɛ* no nyinaa wɔ afɔrebukyia no gya no so. 9 Ma wɔmfa nsuo nhohoro ne nsono ne ne nan* ho, na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa wɔ afɔrebukyia no so na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa.+
10 “‘Na sɛ ayɛmmoa+ na ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ a, sɛ ɛyɛ odwennini kumaa oo, apɔnkye oo, ɔnhwɛ sɛ ɔde onini a ɔte apɔ na ɛbɛba.+ 11 Ɛsɛ sɛ wɔku no wɔ Yehowa anim wɔ afɔrebukyia no fã a ɛhwɛ atifi fam no, na Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia.+ 12 Ma no ntwitwa nam no asinasini, na ɔmfa ne ti ne ne sradeɛ* nka ho, na ɔsɔfoɔ no nhyehyɛ wɔ afɔrebukyia no gya no so. 13 Ma no mfa nsuo nhohoro ne nsono ne ne nan ho, na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa wɔ afɔrebukyia no so na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa.
14 “‘Nanso sɛ ntakraboa na ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ama Yehowa a, ɛnneɛ ma no mfa mmuruburo anaa mmorɔnoma mma mmra.+ 15 Ɔsɔfoɔ no de bɛkɔ afɔrebukyia no ho na wate ne mene, na wahye no afɔrebukyia no so, nanso ɛsɛ sɛ ɔdi kan sɔne ne mogya no gu afɔrebukyia no ho. 16 Ɛsɛ sɛ ɔyi adeɛ a ɛhyɛ ne mene ase no, na ɔtutu ne ntakra to gu afɔrebukyia no fã a ɛhwɛ apueeɛ fam, faako a wɔde nsõ* gu no.+ 17 Ma no nsɔ ne ntaban mu nwae ne mu mmienu, nanso ɛnsɛ sɛ ɔwae ma no si. Afei ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no gya no so na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa.