Leviticus
2 “‘Sɛ obi* pɛ sɛ ɔbɔ aduane afɔreɛ+ ma Yehowa a, ma no mfa esiam muhumuhu, na ɔnhwie ngo ngu so na ɔmfa ɛhyɛ* nka ho.+ 2 Ma no mfa mmrɛ Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no nsa esiam ne ngo no nsa ma, na ɛhyɛ* no deɛ, ɔmfa ne nyinaa, na ɔnhye no afɔrebukyia no so na ɛno nnyina hɔ mma afɔreɛ no nyinaa.*+ Ɛbɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa. 3 Sɛ ɔbɔ aduane afɔreɛ no wie a, aduane a ɛbɛka no nyinaa yɛ Aaron ne ne mma dea;+ ɛyɛ ade kronkron paa+ a ɛfiri afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no mu.
4 “‘Sɛ wopɛ sɛ wotõ aduane wɔ fononoo mu de bɛbɔ afɔreɛ a, fa ngo fete esiam muhumuhu yɛ paanoo a mmɔka* nnim a ɛte sɛ kawa, anaa yɛ paanoo ntraantraa a mmɔka nnim na fa ngo sra ho.+
5 “‘Sɛ wopɛ sɛ wotõ aduane wɔ apampaa so+ de bɔ afɔreɛ a, fa esiam muhumuhu a wɔde ngo afete a mmɔka nnim yɛ. 6 Bubu mu asinasini na hwie ngo gu so.+ Ɛyɛ aduane afɔreɛ.
7 “‘Na sɛ wopɛ sɛ wokye aduane wɔ ɛsɛn mu de bɛbɔ afɔreɛ a, fa esiam muhumuhu ne ngo yɛ. 8 Fa aduane afɔreɛ a wode saa nneɛma yi ayɛ no bra Yehowa anim; wɔde bɛma ɔsɔfoɔ no na ɔde akɔ afɔrebukyia no ho. 9 Ma ɔsɔfoɔ no nyi aduane afɔreɛ no bi na ɔnhye no afɔrebukyia no so na ɛno nnyina hɔ mma afɔreɛ no nyinaa.*+ Ɛbɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa.+ 10 Sɛ ɔbɔ aduane afɔreɛ no wie a, aduane a ɛbɛka no nyinaa yɛ Aaron ne ne mma dea; ɛyɛ ade kronkron paa a ɛfiri egya afɔreɛ a wɔbɔ ma Yehowa no mu.+
11 “‘Mommfa aduane a mmɔka wom biara mmmɔ afɔreɛ mmma Yehowa,+ na monnhye esiam a emu aka anaa ɛwoɔ mmfa mmmɔ afɔreɛ mmma Yehowa.
12 “‘Mobɛtumi de abrɛ Yehowa sɛ aba a ɛdi kan,+ nanso ɛnsɛ sɛ mohye no afɔrebukyia no so sɛ afɔreɛ hwamhwam.*
13 “‘Sɛ worebɔ aduane afɔreɛ biara a, fa nkyene to mu. Nkyene na ɛkae wo Onyankopɔn apam, enti mma bi mmpa w’aduane afɔreɛ mu. Fa nkyene ka w’afɔreɛ nyinaa ho.+
14 “‘Na sɛ wopɛ sɛ wode aba a ɛdi kan brɛ Yehowa sɛ aduane afɔreɛ a, fa hwiit* foforɔ a wɔde egya atõtõ na wɔasi bra, na ɛnyɛ aduane afɔreɛ a ɛfiri w’aba a ɛdi kan mu.+ 15 Fa ngo gu so na fa ɛhyɛ* ka ho. Ɛyɛ aduane afɔreɛ. 16 Ma ɔsɔfoɔ no mfa aduane afɔreɛ no bi, kyerɛ sɛ, esiam ne ngo no bi, na ɔmfa ɛhyɛ* no nyinaa, na ɔnhye no afɔrebukyia no so na ɛno nnyina hɔ mma afɔreɛ no nyinaa.*+ Ɛyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.