-
Leviticus 5:11, 12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 “‘Nanso sɛ ɔrennya mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu a, ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu baako*+ mmra mmɛbɔ ne bɔne ho afɔreɛ. Mma no mmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ɛhyɛ* nnka ho; ɛyɛ bɔne ho afɔreɛ. 12 Ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no nsa ne nsa ma nhye wɔ afɔrebukyia no so na ɛno nnyina hɔ mma afɔreɛ no nyinaa.* Ɔnhye no afɔrebukyia no so wɔ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no so. Ɛyɛ bɔne ho afɔreɛ.
-