-
Numeri 15:2-4Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
2 “Wo ne Israelfoɔ nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ moduru asaase a mede ama mo sɛ monkɔtena so no so,+ 3 na mode nantwie anaa odwan bɔ afɔreɛ a wɔde egya hye ma Yehowa a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ oo,+ bɔhyɛ titire ho afɔreɛ oo, ayamyɛ afɔreɛ oo,+ afɔreɛ a morebɔ no afahyɛ berɛ+ oo, sɛ mopɛ sɛ ɛyɛ hwam* ma Yehowa a,+ 4 ɛsɛ sɛ deɛ ɔrebɛbɔ afɔreɛ no de ngo hin* nkyɛmu nnan mu baako fra esiam muhumuhu+ efa nkyɛmu du mu baako* na ɔde bɔ aduane afɔreɛ nso ma Yehowa.
-