18 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa sɛ, ‘Sɛ bɔhyɛ bi nti Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte Israel de aboa bi ba sɛ wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ anaa ayamyɛ afɔreɛ+ mma Yehowa a, 19 deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn ani asɔ no, ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nantwinini, odwennini kumaa, anaa apɔnkyenini a ɔte apɔ.+