2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mo mu bi pɛ sɛ ɔde aboa bɔ afɔreɛ ma Yehowa a, nantwie anaa odwan na ɔmfa mmɔ afɔreɛ no.+
3 “‘Sɛ nantwie na ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no a, ɔmfa onini a ɔte apɔ mmra.+ Ɔmfiri ne pɛ mu+ mfa mmra Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano.