Leviticus
2 “‘Sɛ ɔkra bi pɛ sɛ ɔde aduane bɔ afɔdeɛ+ ma Yehowa a, ɔmfa esiam muhumuhu mmɔ afɔdeɛ no;+ ɔnhwie ngo ngu so na ɔmfa ɛhyɛ nka ho. 2 Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma asɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no nsa esiam ne ngo no ne nsa mã, ne ɛhyɛ no nyinaa, na ɔnhye no afɔrebukyia no so sɛ nkaeɛ adeɛ,+ afɔdeɛ hwamhwam a wɔde egya hye ma Yehowa. 3 Na aduane afɔdeɛ a ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mma no dea;+ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron+ a ɛfiri egya afɔdeɛ a wɔbɔ ma Yehowa no mu.
4 “‘Sɛ wopɛ sɛ wotõ aduane wɔ fononoo mu de bɛbɔ afɔdeɛ a, fa ngo fete esiam muhumuhu yɛ paanoo a mmɔreka nnim a ɛte sɛ kawa.+ Sɛ ɛnte saa nso a, yɛ paanoo ntraantraa a mmɔreka nnim+ na fa ngo sra ho.+
5 “‘Sɛ wopɛ sɛ wotõ aduane wɔ apampaa+ so de bɔ afɔdeɛ a, fa esiam muhumuhu a wɔde ngo afete a mmɔreka nnim yɛ. 6 Bubu mu asinasini na hwie ngo gu so.+ Ɛyɛ aduane afɔdeɛ.
7 “‘Na sɛ wopɛ sɛ wokye aduane wɔ ɛsɛn mu de bɛbɔ afɔdeɛ a, fa esiam muhumuhu ne ngo yɛ. 8 Fa aduane afɔdeɛ a wɔde yeinom ayɛ no bra Yehowa anim, na ɛsɛ sɛ wɔde ma ɔsɔfoɔ no na ɔde ba afɔrebukyia no ho. 9 Na ɔsɔfoɔ no nyi aduane afɔdeɛ no bi mfa nyɛ nkaeɛ adeɛ,+ na ɔnhye no afɔrebukyia no so sɛ afɔdeɛ hwamhwam a wɔde egya hye ma Yehowa.+ 10 Na aduane afɔdeɛ a ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mma dea; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri egya afɔdeɛ a wɔbɔ ma Yehowa no mu.+
11 “‘Mommfa aduane a mmɔreka wom+ biara mmmɔ afɔdeɛ mmma Yehowa, na monnhye mmɔre a emu aka anaa ɛwoɔ biara sɛ egya afɔdeɛ mmma Yehowa.
12 “‘Mobɛtumi de abrɛ Yehowa sɛ aba a ɛdi kan,+ nanso mommfa mmma afɔrebukyia no so sɛ afɔdeɛ a ɛyɛ hwam.
13 “‘Sɛ worebɔ aduane afɔdeɛ biara a, hyɛ no nkyene.+ Nkyene na ɛkae wo Onyankopɔn apam,+ na mma bi mmpa w’aduane afɔdeɛ mu. Fa nkyene ka w’afɔdeɛ nyinaa ho.
14 “‘Na sɛ wopɛ sɛ wode aba a ɛdi kan brɛ Yehowa sɛ aduane afɔdeɛ a, fa aburoo mono a wɔde egya atõtõ na wɔasie bra sɛ w’aba a ɛdi kan mu aduane afɔdeɛ.+ 15 Fa ngo gu so na fa ɛhyɛ ka ho. Ɛyɛ aduane afɔdeɛ.+ 16 Na ɔsɔfoɔ no nhye aburoo a wɔasie ne ngo no bi ne ɛhyɛ no nyinaa sɛ nkaeɛ adeɛ,+ sɛ egya afɔdeɛ mma Yehowa.