-
Leviticus 6:20, 21Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
20 “Da a wɔbɛsra+ Aaron ngo no, afɔreɛ a ɔne ne mma bɛbɔ ama Yehowa nie: Wɔmfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu baako*+ mmɔ aduane afɔreɛ+ mma me berɛ nyinaa. Sɛ wɔde fã bɔ afɔreɛ anɔpa a, na wɔde fã abɔ afɔreɛ anwummerɛ. 21 Wɔmfa ngo mfete no yie na wɔntõ no apampaa so.+ Afei wɔmfa aduane a wɔatõ na wɔabubu mu asinasini no mmra Yehowa anim sɛ aduane afɔreɛ hwamhwam.*
-