-
Exodus 29:40, 41Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
40 Sɛ wode odwennini kumaa a ɔdi kan no rebɔ afɔreɛ a, fa ngo pa a ɛfiri ngodua mu hin* nkyɛmu nnan mu baako, na fa fra esiam muhumuhu efa susudeɛ* nkyɛm du mu baako ka ho, na fa bobesa hin nkyɛmu nnan mu baako nso bɔ nsã afɔreɛ. 41 Odwennini kumaa a ɔtɔ so mmienu no, fa bɔ afɔreɛ anwummerɛ a anim rebiribiri.* Fa aduane afɔreɛ ne afɔrebɔ nsã no bi ka ho te sɛ anɔpa deɛ no ara. Fa bɔ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa.
-