-
Exodus 29:16-18Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
16 Kum odwennini no na fa ne mogya pete afɔrebukyia no ho hyia.+ 17 Twitwa aboa no mu asinasini na hohoro ne nsono+ mu ne ne nan* ho, na fa esini biara to ne sini foforɔ ho kɔsi ne ti. 18 Hye odwennini mu no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔhye ma Yehowa.+ Ɛyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.
-
-
Leviticus 8:18-21Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
18 Ɛno akyi no, ɔde odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no nso bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no apampam.+ 19 Afei Mose kum aboa no de ne mogya petee afɔrebukyia no so hyiae. 20 Mose twitwaa odwennini no mu asinasini, na ɔde ne ti, ne nam asinasini no, ne ne sradeɛ* no nyinaa guu gya no mu. 21 Mose de nsuo hohoroo ne nsono ne ne nan ho, na ɔhyee odwennini no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so. Ná ɛyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam,* afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
-
-
Leviticus 9:12-14Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Afei ɔkum aboa a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔde petee afɔrebukyia no so hyiaeɛ.+ 13 Wɔtwitwaa aboa no mu asinasini de ne ti kaa ho brɛɛ no, na ɔhyee no afɔrebukyia no so. 14 Afei ɔhohoroo ne nsono ne ne nan ho, na ɔhyee no afɔrebukyia no so kaa ɔhyeɛ afɔreɛ no ho.
-