-
Exodus 29:15-18Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 “Afei fa adwennini no baako, na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no apampam.+ 16 Kum odwennini no na fa ne mogya pete afɔrebukyia no ho hyia.+ 17 Twitwa aboa no mu asinasini na hohoro ne nsono+ mu ne ne nan* ho, na fa esini biara to ne sini foforɔ ho kɔsi ne ti. 18 Hye odwennini mu no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔhye ma Yehowa.+ Ɛyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.
-
-
Leviticus 1:4Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Ma no mfa ne nsa nto aboa a ɔde rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no apampam, na wɔbɛpene so agye de apata ne bɔne.
-