43 Na wɔbobɔɔ afɔdeɛ akɛseɛ+ saa da no na wɔdii ahurisie+ ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no maa wɔn ani gyee kɛse.+ Mmaa+ ne mmɔfra+ no nso dii ahurisie maa wɔtee Yerusalem ahurisidie no akyirikyiri.+
10 Na wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba;+ wɔde osebɔ bɛba Sion+ na anigyeɛ ne wɔn atena daa.+ Ahurisie ne anigyeɛ na wɔn nsa bɛka, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.+