6 Afei, Dawid de asraafoɔdɔm+ kɔguu Siria a ɛwɔ Damasko, na Siriafoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua toɔ ma no.+ Na Yehowa bɔɔ Dawid ho ban baabiara a ɔkɔeɛ.+
21 Solomon dii ahennie nyinaa so, ɛfiri asubɔnten kɛseɛ+ no ho kɔsi Filistifoɔ asase so ne Egypt hyeɛ so. Nkurɔfoɔ de akyɛdeɛ brɛɛ Solomon, na wɔsom no ne nkwa nna nyinaa.+
15 Afei ɔmaa mfidiyɛfoɔ yeyɛɛ mfidie a wɔde to akodeɛ wɔ Yerusalem, na wɔde sisii abantenten+ so ne ntwea so, sɛ wɔmfa nto agyan ne aboɔ akɛseɛ. Ɛno nti ne din+ kɔɔ akyirikyiri, na wɔboaa no pii kɔsii sɛ ɔyɛɛ den.