15 na ma wɔnhwehwɛ w’agyanom twerɛtohɔ+ mu, na wobɛhunu wɔ twerɛtohɔ no mu sɛ saa kuro no yɛ atuatefoɔ kuro a wɔma ahemfo ne amantam hwere adeɛ, na ɛfiri tete na emu nnipa apiapia nkurɔfoɔ ama wɔate atua. Ɛno nti na wɔsɛee kuro no pasaa no.+
17 “Afei sɛ ɛyɛ wɔ ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ+ akoradeɛ a ɛwɔ ɔhene fie wɔ Babilon no mu nhwɛ sɛ ɛyɛ ampa sɛ Ɔhene Kores hyɛɛ mmara+ sɛ wɔnsan nsi Onyankopɔn fie no wɔ Yerusalem anaa; ma ɔhene nsoma mmɛka deɛ wayɛ n’adwene wɔ asɛm yi ho nkyerɛ yɛn.”