22 Persia hene+ Kores+ afe a ɛdi kan mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm+ a ɔnam Yeremia+ so kaeɛ no bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores honhom,+ na ɔmaa wɔbɔɔ dawuro n’ahennie mu nyinaa, na wɔtwerɛɛ+ nso sɛ:
3 Enti obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, ne Nyankopɔn nni n’akyi.+ Ma no mforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsan nkɔsi Yehowa, Israel Nyankopɔn, fie a na ɛwɔ Yerusalem no.+ Ɔno ne nokorɛ Nyankopɔn no.+
3 “Ɔhene Kores afe a ɛdi kan+ mu no, Ɔhene Kores hyɛɛ mmara wɔ Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no ho sɛ: ‘Wɔnsi fie no mma no nyɛ afɔrebɔbea+ na wɔnto ne fapem. Ne tenten nyɛ basafa aduosia na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa aduosia,+