6 Esra yi firii Babilon kɔeɛ; ná ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ+ a ne ho akokwa Mose mmara+ a Yehowa, Israel Nyankopɔn, de maeɛ no mu na ɔhwɛ so twerɛ bi, na ɔhene no maa no n’abisadeɛ nyinaa, ɛfiri sɛ na Yehowa, ne Nyankopɔn, nsa wɔ ne so.+
28 Na wayi adɔeɛ+ adi akyerɛ me wɔ ɔhene ne n’agyinatufoɔ,+ ne ɔhene mpanimfoɔ nyinaa anim. Na me nso, Yehowa me Nyankopɔn nsa+ a ɛwɔ me soɔ nti, menyaa ahoɔden, na meboaa Israel atitire ano sɛ wɔne me nkɔ.
22 Ná ɛyɛ me aniwu sɛ mɛbisa asraafoɔdɔm+ ne apɔnkɔsotefoɔ+ afiri ɔhene no hɔ ama wɔabɔ yɛn ho ban afiri atamfo nsam wɔ kwan so, ɛfiri sɛ na yɛaka akyerɛ ɔhene sɛ: “Yɛn Nyankopɔn nsa+ wɔ wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa so sɛ ɔbɛdi ama wɔn,+ na ne tumi ne n’abufuo+ wɔ wɔn a wɔpo+ no so.”